Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
Amos 9:5 in English
Amos 9:5 · Berean Standard Bible
The Lord GOD of Hosts, He who touches the earth and it melts, and all its dwellers mourn— all the land rises like the Nile, then sinks like the river of Egypt—
Context
3Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a,
ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba.
Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a
ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. 4Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a,
ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn.
“Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn.
Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” 5Awurade, Asafo Awurade,
Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane,
ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.
Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil
na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten. 6Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro
na ɔto ne fapem wɔ asase so.
Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano
na ɔhwie gu asase so.
Awurade ne ne din! 7“Mo Israelfoɔ,
mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim,
ne Filistifoɔ amfiri Kreta,
ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.