Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

Amos 9:3 in English

Amos 9:3 · Berean Standard Bible

Though they hide themselves atop Carmel, there I will track them and seize them; and though they hide from Me at the bottom of the sea, there I will command the serpent * to bite them.

Context

1Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwoso. Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nnwane obiara remfiri mu mfi. 2Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. 3Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. 4Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” 5Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.