Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.
Amos 9:2 in English
Amos 9:2 · Berean Standard Bible
Though they dig down to Sheol, from there My hand will take them; and though they climb up to heaven, from there I will pull them down.
Context
1Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ,
“Bɔ Asɔredan no afadum no atifi
na mma ne fapem no nwoso.
Mommubu ngu nnipa no nyinaa so;
wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn.
Ɔbaako mpo rentumi nnwane
obiara remfiri mu mfi. 2Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a
ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba.
Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a
ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. 3Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a,
ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba.
Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a
ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. 4Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a,
ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn.
“Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn.
Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.