Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa.

Amos 2:6 in English

Amos 2:6 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “For three transgressions of Israel, even four, I will not revoke My judgment, because they sell the righteous for silver and the needy for a pair of sandals.

Context

4Deɛ Awurade seɛ nie: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛdeɛ so ɛfiri sɛ atorɔ anyame no ama wɔafom ɛkwan no, anyame a wɔn nananom dii akyire no. 5Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.” 6Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa. 7Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi. 8Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.