Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi.

Amos 2:7 in English

Amos 2:7 · Berean Standard Bible

They trample on the heads of the poor as on the dust of the earth; they push the needy out of their way. A man and his father have relations with the same girl and so profane My holy name.

Context

5Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.” 6Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa. 7Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi. 8Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ. 9“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim, ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne nhini wɔ nʼase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.