Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.”

Amos 2:5 in English

Amos 2:5 · Berean Standard Bible

So I will send fire upon Judah to consume the citadels of Jerusalem.”

Context

3Mɛsɛe ne sodifoɔ na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 4Deɛ Awurade seɛ nie: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛdeɛ so ɛfiri sɛ atorɔ anyame no ama wɔafom ɛkwan no, anyame a wɔn nananom dii akyire no. 5Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.” 6Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa. 7Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.