Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
Amos 2:8 in English
Amos 2:8 · Berean Standard Bible
They lie down beside every altar on garments taken in pledge. And in the house of their God,* they drink wine obtained through fines.*
Context
6Deɛ Awurade seɛ nie:
“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,
ne ahiafoɔ de gye mpaboa. 7Wɔtiatia ahiafoɔ so
te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo
na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ.
Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da
de gu me din kronkron no ho fi. 8Wɔdeda afɔrebukyia biara ho
wɔ wɔn awowa ntoma so.
Wɔ wɔn anyame efie no mu no
wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ. 9“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,
ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.
Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.
Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,
ne ne nhini wɔ nʼase. 10Meyii wo firii Misraim,
na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so
sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.