Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no.

Amos 1:4 in English

Amos 1:4 · Berean Standard Bible

So I will send fire upon the house of Hazael to consume the citadels of Ben-hadad.

Context

2Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.” 3Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead. 4Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no. 5Mɛbubu Damasko apono, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 6Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.