Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.”

Amos 1:2 in English

Amos 1:2 · Berean Standard Bible

He said: “The LORD roars from Zion and raises His voice from Jerusalem; the pastures of the shepherds mourn, and the summit of Carmel withers.”

Context

1Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no. 2Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.” 3Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead. 4Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.