Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead.
Amos 1:3 in English
Amos 1:3 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “For three transgressions of Damascus, even four, I will not revoke My judgment,* because they threshed Gilead with sledges of iron.
Context
1Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no. 2Ɔkaa sɛ:
“Awurade bobom firi Sion bepɔ so
na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem;
nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye
na Karmel atifi nso kusa.” 3Deɛ Awurade seɛ nie:
“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se
dwerɛɛ Gilead. 4Mede ogya bɛto Hasael efie
na ahye Ben-Hadad aban no. 5Mɛbubu Damasko apono,
na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.
Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.