Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.
Amos 1:6 in English
Amos 1:6 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “For three transgressions of Gaza, even four, I will not revoke My judgment, because they exiled a whole population, delivering them up to Edom.
Context
4Mede ogya bɛto Hasael efie
na ahye Ben-Hadad aban no. 5Mɛbubu Damasko apono,
na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no.
Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 6Deɛ Awurade seɛ nie:
“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo no.
Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ. 7Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,
na ahye nʼaban no. 8Mɛsɛe Asdod ɔhene no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.
Mɛdane me nsa atia Ekron,
kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.