Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Amos 1:8 in English
Amos 1:8 · Berean Standard Bible
I will cut off the ruler of Ashdod and the one who wields the scepter in Ashkelon. I will turn My hand against Ekron, and the remnant of the Philistines will perish,” says the Lord GOD.
Context
6Deɛ Awurade seɛ nie:
“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo no.
Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ. 7Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu,
na ahye nʼaban no. 8Mɛsɛe Asdod ɔhene no
ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no.
Mɛdane me nsa atia Ekron,
kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 9Deɛ Awurade seɛ nie:
“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔfaa ɔman mu no nnommum
na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ,
a wankae onuadɔ apam. 10Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,
na ahye nʼaban.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.