Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, na ahye nʼaban.”

Amos 1:10 in English

Amos 1:10 · Berean Standard Bible

So I will send fire upon the walls of Tyre to consume its citadels.”

Context

8Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 9Deɛ Awurade seɛ nie: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔfaa ɔman mu no nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, a wankae onuadɔ apam. 10Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, na ahye nʼaban.” 11Deɛ Awurade seɛ nie: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena taataa ne nua, a wannya ayamhyehyeɛ biara. Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano. 12Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.