Amos 1:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.”
Amos 1:12 in English
Amos 1:12 · Berean Standard Bible
So I will send fire upon Teman to consume the citadels of Bozrah.”
Context
10Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu,
na ahye nʼaban.” 11Deɛ Awurade seɛ nie:
“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔde akofena taataa ne nua,
a wannya ayamhyehyeɛ biara.
Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ
na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano. 12Mede ogya bɛto Teman mu,
na ahye Bosra aban.” 13Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:
“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu
de trɛɛ nʼahyeɛ mu. 14Mede ogya bɛto Raba afasuo mu
na ahye nʼaban
wɔ ɔko da mu nteateam
ne ahum da ntwaho mframa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.