2 Samuel 23:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo, ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.
2 Samuel 23:6 in English
2 Samuel 23:6 · Berean Standard Bible
But the worthless are all like thorns raked aside, for they can never be gathered by hand.
Context
4ɔte sɛ anɔpa hann,
ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ;
ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ,
na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’ 5“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.
Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.
Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano.
Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa. 6Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,
ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu. 7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;
wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.” 8Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima:
Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.