2 Samuel 23:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.
2 Samuel 23:8 in English
2 Samuel 23:8 · Berean Standard Bible
These are the names of David’s mighty men: Josheb-basshebeth the Tahchemonite * was chief of the Three.* He wielded his spear against * eight hundred men, whom he killed at one time.
Context
6Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,
ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu. 7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;
wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.” 8Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima:
Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu. 9Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane. 10Ɔkunkumm Filistifoɔ no ara kɔsii sɛ afei, na ɔntumi mpagya ne pea. Nanso, Awurade maa no dii nkonim saa da no. Akodɔm a aka no ansane amma, kɔsii ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asadeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.