2 Samuel 23:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.”
2 Samuel 23:7 in English
2 Samuel 23:7 · Berean Standard Bible
The man who touches them must be armed with iron or with the shaft of a spear. The fire burns them to ashes in the place where they lie.”
Context
5“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.
Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.
Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano.
Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa. 6Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,
ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu. 7Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu;
wɔde ogya bɛhye wɔn dworobɛɛ.” 8Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima:
Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu. 9Deɛ ɔtɔ so mmienu wɔ Baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasa a ɔyɛ Ahohi aseni. Ɛberɛ bi Eleasa ne Dawid ka boom, te gyinaeɛ, de tiaa Filistifoɔ ɛberɛ a Israel akodɔm no nyinaa adwane.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.