2 Samuel 23:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ; ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ, na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’
2 Samuel 23:4 in English
2 Samuel 23:4 · Berean Standard Bible
is like the light of the morning at sunrise of a cloudless dawn, the glistening after the rain on the sprouting grass of the earth.’
Context
2“Awurade honhom kasa fa me mu;
ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so. 3Israel Onyankopɔn kasaeɛ,
Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ:
‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu,
na ɔde Nyamesuro di ɔhene no, 4ɔte sɛ anɔpa hann,
ɔte sɛ owiapue a ɛhyerɛn ɛberɛ a omununkum nni hɔ;
ɔte sɛ osutɔ a ɛma ahodwoɔ,
na ɛma ɛserɛ foforɔ pue firi asase mu.’ 5“Ɛyɛ me fie na Onyankopɔn ayi.
Aane, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.
Ne nhyehyɛeɛ yɛ afebɔɔ, ebi nni hɔ bio, na wɔasɔ ano.
Ɔbɛhwɛ me yiedie ne me nkɔsoɔ daa. 6Na wɔn a wɔnnim Onyame no te sɛ nkasɛɛ a wɔbɛto aguo,
ɛfiri sɛ, wɔwowɔ nsa a ɛsɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.