Native Bible

Zephaniah 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem!

Zephaniah 3:14 in English

Zephaniah 3:14 · Berean Standard Bible

Sing for joy, O Daughter of Zion; shout aloud, O Israel! Be glad and rejoice with all your heart, O Daughter of Jerusalem!

Context

12Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so. 13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.” 14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem! 15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio. 16Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.