Sefania 3:12
Zephaniah 3:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so.
Zephaniah 3:12 in English
Zephaniah 3:12 · Berean Standard Bible
But I will leave within you a meek and humble people, and they will trust in the name of the LORD.
Context
10Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no
bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa
de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me. 11Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase
wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho,
ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu,
wɔn a wodi ahantan mu ahurisie
na worenyɛ ahantan bio
wɔ me bepɔ kronkron no so. 12Nanso mɛgya wɔ wo mu
wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase,
na wɔde wɔn ho to Awurade so. 13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne
Wɔrenka nkontonpo nsɛm,
na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm
wɔbɛdidi na wɔada
na obiara renyi wɔn hu.” 14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;
team denden Ao, Israel!
Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,
Ao, Ɔbabaa Yerusalem!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.