Native Bible

Zephaniah 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.

Zephaniah 3:10 in English

Zephaniah 3:10 · Berean Standard Bible

From beyond the rivers of Cush * My worshipers, My scattered people, will bring Me an offering.

Context

8Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye. 9“Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no. 10Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me. 11Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurisie na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔ kronkron no so. 12Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.