Native Bible

Zephaniah 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye.

Zephaniah 3:8 in English

Zephaniah 3:8 · Berean Standard Bible

Therefore wait for Me,” declares the LORD, “until the day I rise to testify.* For My decision is to gather nations, to assemble kingdoms, to pour out upon them My indignation— all My burning anger. For all the earth will be consumed by the fire of My jealousy.

Context

6“Masɛe amanaman; madwiri wɔn abandenden agu. Wɔn mmorɔno so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; a obi biara renka. 7Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu. 8Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye. 9“Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no. 10Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.