Native Bible

Zephaniah 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.

Zephaniah 3:7 in English

Zephaniah 3:7 · Berean Standard Bible

I said, ‘Surely you will fear Me and accept correction.’ Then her dwelling place would not be cut off despite all for which I punished her. But they rose early to corrupt all their deeds.

Context

5Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, na ɔnni hwammɔ da, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo. 6“Masɛe amanaman; madwiri wɔn abandenden agu. Wɔn mmorɔno so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; a obi biara renka. 7Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu. 8Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye. 9“Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.