Sefania 3:5
Zephaniah 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, na ɔnni hwammɔ da, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.
Zephaniah 3:5 in English
Zephaniah 3:5 · Berean Standard Bible
The LORD within her is righteous; He does no wrong. He applies His justice morning by morning; He does not fail at dawn, yet the unjust know no shame.
Context
3Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu,
ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo,
a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ. 4Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan;
wɔyɛ afatwafoɔ.
Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi.
Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne. 5Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni;
ɔnnyɛ mfomsoɔ biara.
Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi,
na ɔnni hwammɔ da,
nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo. 6“Masɛe amanaman;
madwiri wɔn abandenden agu.
Wɔn mmorɔno so adeda mpan,
a obiara ntwa mu hɔ.
Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn;
a obi biara renka. 7Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ,
‘ampa ara wobɛsuro me
na woagye nteɛsoɔ ato mu!’
Na afei ne tenaberɛ rensɛe,
na mʼasotwe biara nso remma ne so.
Nanso, wɔn ho peree wɔn
sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.