Native Bible

Zephaniah 3:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.”

Zephaniah 3:13 in English

Zephaniah 3:13 · Berean Standard Bible

The remnant of Israel will no longer do wrong or speak lies, nor will a deceitful tongue be found in their mouths. But they will feed and lie down, with no one to make them tremble.”

Context

11Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurisie na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔ kronkron no so. 12Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so. 13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.” 14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem! 15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.