Sefania 3:15
Zephaniah 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
Zephaniah 3:15 in English
Zephaniah 3:15 · Berean Standard Bible
The LORD has taken away your punishment; He has turned back your enemy. Israel’s King, the LORD, is among you; no longer will you fear any harm.
Context
13Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne
Wɔrenka nkontonpo nsɛm,
na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm
wɔbɛdidi na wɔada
na obiara renyi wɔn hu.” 14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion;
team denden Ao, Israel!
Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu,
Ao, Ɔbabaa Yerusalem! 15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so,
wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi.
Awurade Israelhene ka wo ho;
worensuro ɔhaw biara bio. 16Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ,
“Mma nsuro, Ao Sion!
Mma wo nsa mu nhodwo. 17Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ.
Nʼani bɛgye wo ho
ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo,
ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.