Native Bible

Zephaniah 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo.

Zephaniah 3:16 in English

Zephaniah 3:16 · Berean Standard Bible

On that day they will say to Jerusalem: “Do not fear, O Zion; do not let your hands fall limp.

Context

14To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem! 15Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio. 16Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo. 17Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho. 18“Mo awerɛhoɔ to bɛtwa ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; mo anim rengu ase bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.