Native Bible

Zephaniah 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

Zephaniah 1:12 in English

Zephaniah 1:12 · Berean Standard Bible

And at that time I will search Jerusalem with lamps and punish the men settled in complacency,* who say to themselves, ‘The LORD will do nothing, either good or bad.’

Context

10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba. 11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase, dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. 12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ 13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.” 14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.