Sefania 1:13
Zephaniah 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.”
Zephaniah 1:13 in English
Zephaniah 1:13 · Berean Standard Bible
Their wealth will be plundered and their houses laid waste. They will build houses but not inhabit them, and plant vineyards but never drink their wine.
Context
11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no
wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,
dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. 12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu
na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,
wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,
a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ 13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,
na wɔabubu wɔn afie agu.
Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu
wɔbɛyɛ bobe mfuo
nanso wɔrennom emu nsã.” 14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,
abɛn na ɛreba ntɛm so.
Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,
ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara. 15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,
ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;
ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,
ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda
ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.