Native Bible

Zephaniah 1:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

Zephaniah 1:14 in English

Zephaniah 1:14 · Berean Standard Bible

The great Day of the LORD is near— near and coming quickly. Listen, the Day of the LORD! Then the cry of the mighty will be bitter.

Context

12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ 13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ, na wɔabubu wɔn afie agu. Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuo nanso wɔrennom emu nsã.” 14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya, ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara. 15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda, ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda, ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda, 16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.