Sefania 1:16
Zephaniah 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.
Zephaniah 1:16 in English
Zephaniah 1:16 · Berean Standard Bible
a day of horn blast and battle cry against the fortified cities, and against the high corner towers.
Context
14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,
abɛn na ɛreba ntɛm so.
Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,
ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara. 15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,
ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;
ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,
ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda
ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda, 16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam
a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ
ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda. 17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so
na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,
ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.
Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,
na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ. 18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ
rentumi nnye wɔn nkwa
wɔ Awurade abufuo ɛda no.”
Ne ninkuntwe mu ogya no
bɛhye ɔman no nyinaa,
na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa
aba awieeɛ mpofirim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.