Native Bible

Zephaniah 1:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim.

Zephaniah 1:18 in English

Zephaniah 1:18 · Berean Standard Bible

Neither their silver nor their gold will be able to deliver them on the Day of the LORD’s wrath. The whole earth will be consumed by the fire of His jealousy.” For indeed, He will make a sudden end of all who dwell on the earth.*

Context

16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda. 17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ. 18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.