Native Bible

Zephaniah 1:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.

Zephaniah 1:17 in English

Zephaniah 1:17 · Berean Standard Bible

I will bring such distress on mankind that they will walk like the blind, because they have sinned against the LORD. Their blood will be poured out like dust and their flesh like dung.

Context

15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda, ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda, ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda, 16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda. 17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo, na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ. 18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuo ɛda no.” Ne ninkuntwe mu ogya no bɛhye ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa aba awieeɛ mpofirim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.