Native Bible

Zephaniah 1:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.

Zephaniah 1:10 in English

Zephaniah 1:10 · Berean Standard Bible

On that day,” declares the LORD, “a cry will go up from the Fish Gate, a wail from the Second District,* and a loud crashing from the hills.

Context

8“Awurade afɔrebɔ ɛda no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso. 9Saa ɛda no mɛtwe wɔn a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no. 10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano, agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba. 11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase, dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. 12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.