Sakaria 13:7
Zechariah 13:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
Zechariah 13:7 in English
Zechariah 13:7 · Berean Standard Bible
Awake, O sword, against My Shepherd, against the man who is My Companion, declares the LORD of Hosts. Strike the Shepherd, and the sheep will be scattered,* and I will turn My hand against the little ones.
Context
5Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ 6Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ” 7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nnwammaa no. 8Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;
na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so. 9Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;
mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ,
na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,
na mɛgye wɔn so.
Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’
na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.