Sakaria 13:5
Zechariah 13:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’
Zechariah 13:5 in English
Zechariah 13:5 · Berean Standard Bible
He will say, ‘I am not a prophet; I work the land, for I was purchased as a servant in my youth.*’
Context
3Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan. 4“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ 6Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ” 7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.