Native Bible

Zechariah 13:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ”

Zechariah 13:6 in English

Zechariah 13:6 · Berean Standard Bible

If someone asks him, ‘What are these wounds on your chest *?’ he will answer, ‘These are the wounds I received in the house of my friends.’

Context

4“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’ 6Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ” 7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no. 8Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.