Sakaria 13:9
Zechariah 13:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”
Zechariah 13:9 in English
Zechariah 13:9 · Berean Standard Bible
This third I will bring through the fire; I will refine them like silver and test them like gold. They will call on My name, and I will answer them. I will say, ‘They are My people,’ and they will say, ‘The LORD is our God.’”
Context
7“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,
tia onipa a ɔbɛn me!”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Bɔ odwanhwɛfoɔ no,
na nnwan no bɛbɔ ahwete,
na mɛma me nsa so atia nnwammaa no. 8Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;
na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so. 9Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;
mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ,
na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.
Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,
na mɛgye wɔn so.
Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’
na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.