Nnwom Mu Dwom 3:9
Song of Songs 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.
Song of Songs 3:9 in English
Song of Songs 3:9 · Berean Standard Bible
King Solomon has made his carriage out of the timber of Lebanon.
Context
7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a
akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm;
adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel, 8Wɔn nyinaa bobɔ akofena,
wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa.
Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu,
na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara. 9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;
ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ. 10Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,
ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ.
Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho.
Emu nsiesie yɛ ahomeka
na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ. 11Momfiri adi, mo Sion mmammaa,
mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛ
deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no,
da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.