Nnwom Mu Dwom 3:7
Song of Songs 3:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm; adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,
Song of Songs 3:7 in English
Song of Songs 3:7 · Berean Standard Bible
Behold, it is Solomon’s carriage,* escorted by sixty of the mightiest men of Israel.
Context
5Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. 6Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba
te sɛ wisie kumɔnn a
ɛfiri kurobo, aduhwam
ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi? 7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a
akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm;
adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel, 8Wɔn nyinaa bobɔ akofena,
wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa.
Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu,
na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara. 9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;
ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.