Nnwom Mu Dwom 3:5
Song of Songs 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Song of Songs 3:5 in English
Song of Songs 3:5 · Berean Standard Bible
O daughters of Jerusalem, I adjure you by the gazelles and does of the field: Do not arouse or awaken love until the time is right.
Context
3Awɛmfoɔ no hunuu me
ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu.
“Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?” 4Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ
na mehunuu deɛ mʼakoma da no so no.
Mesɔɔ ne nsa sɛ meremma no nkɔ
kɔsii sɛ mede no baa me maame fie,
de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu. 5Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu. 6Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba
te sɛ wisie kumɔnn a
ɛfiri kurobo, aduhwam
ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi? 7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a
akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm;
adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.