Native Bible

Song of Songs 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ. Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho. Emu nsiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ.

Song of Songs 3:10 in English

Song of Songs 3:10 · Berean Standard Bible

He has made its posts of silver, its base of gold, its seat of purple fabric. Its interior is inlaid with love by the daughters of Jerusalem.

Context

8Wɔn nyinaa bobɔ akofena, wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa. Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu, na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara. 9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ. 10Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ. Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho. Emu nsiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ. 11Momfiri adi, mo Sion mmammaa, mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛ deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no, da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.