Native Bible

Song of Songs 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Song of Songs 1:8 in English

Song of Songs 1:8 · Berean Standard Bible

If you do not know, O fairest of women, follow the tracks of the flock, and graze your young goats near the tents of the shepherds.

Context

6(4) Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! (5) Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam! (6) Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo. 7Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho? 8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho. 9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho. 10Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.