Nnwom Mu Dwom 1:10
Song of Songs 1:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
Song of Songs 1:10 in English
Song of Songs 1:10 · Berean Standard Bible
Your cheeks are beautiful with ornaments, your neck with strings of jewels.
Context
8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,
fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so
na fa wo mpapo mma kɔ adidi
wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho. 9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ
a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho. 10Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo. 11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo. 12Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,
nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.