Native Bible

Song of Songs 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

(4) Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! (5) Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam! (6) Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

Song of Songs 1:6 in English

Song of Songs 1:6 · Berean Standard Bible

(4) It is only right that they adore you. (5) I am dark, yet lovely, O daughters of Jerusalem, like the tents of Kedar, like the curtains of Solomon. (6) Do not stare because I am dark, for the sun has gazed upon me. My mother’s sons were angry with me; they made me a keeper of the vineyards, but my own vineyard I have neglected.

Context

4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. 5(4) Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. 6(4) Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! (5) Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam! (6) Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo. 7Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho? 8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.