Nnwom Mu Dwom 1:7
Song of Songs 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?
Song of Songs 1:7 in English
Song of Songs 1:7 · Berean Standard Bible
Tell me, O one I love, where do you pasture your sheep? Where do you rest them at midday? Why should I be like a veiled woman beside the flocks of your companions?
Context
5(4) Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.
Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. 6(4) Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
(5) Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,
Ao, Yerusalem mmammaa,
mobiri te sɛ Kedar ntomadan,
te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!
(6) Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,
ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.
Memaa mmammarima bo fuu me
enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;
na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo. 7Kyerɛ me me dɔfoɔ,
faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi
na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim
wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho? 8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,
fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so
na fa wo mpapo mma kɔ adidi
wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho. 9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ
a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.