Romafoɔ 10:17
Romans 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
Romans 10:17 in English
Romans 10:17 · Berean Standard Bible
Consequently, faith comes by hearing, and hearing by the word of Christ.
Context
15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.” 16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ:
“Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,
na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.” 19Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ,
“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.
Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.