Native Bible

Romans 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”

Romans 10:15 in English

Romans 10:15 · Berean Standard Bible

And how can they preach unless they are sent? As it is written: “How beautiful are the feet of those who bring good news!”*

Context

13Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.” 14Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.” 16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.