Romafoɔ 10:14
Romans 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
Romans 10:14 in English
Romans 10:14 · Berean Standard Bible
How then can they call on the One in whom they have not believed? And how can they believe in the One of whom they have not heard? And how can they hear without someone to preach?
Context
12Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. 13Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.” 14Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.” 16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.