Native Bible

Romans 10:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ: “Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”

Romans 10:18 in English

Romans 10:18 · Berean Standard Bible

But I ask, did they not hear? Indeed they did: “Their voice has gone out into all the earth, their words to the ends of the world.”*

Context

16Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ: “Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.” 19Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.” 20Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.